Psalms 83

Asaf Dwom.


1 Ao, Onyankopɔn, ntena hɔ komm;
mmua wʼano, Ao, Onyankopɔn, keka wo ho.

2 Hwɛ sɛnea wʼatamfo keka wɔn ho fa,
na wɔn a wɔmpɛ wʼasɛm nso ama wɔn ti so.

3 Wɔde anifere repam atia wo nkurɔfo,
wɔrepam atia wɔn a wo koma da wɔn so no.

4 Wɔka se, “Mommra na yɛnsɛe wɔn sɛ ɔman,
sɛnea wɔrenkae Israel din bio.”

5 Wɔde adwene koro bɔ pɔw;
na wɔpam tia wo,

6 Edom ntamadan ne Ismaelfo,
Moabfo ne Hagarfo,

7 Gebalfo ne Amonfo ne Amalekfo,
Filistifo ne Tirofo.

8 Asiria mpo akɔka wɔn ho
de wɔn ahoɔden akɔhyɛ Lot asefo de no mu den.


9 Yɛ wɔn sɛnea woyɛɛ Midian,
sɛnea woyɛɛ Sisera ne Yabin wɔ asubɔnten Kison ho no,

10 wɔn a wɔsɛe wɔ En-Dor
na wɔdan nwura no.

11 Yɛ wɔn atitiriw sɛ Oreb ne Seeb,
ne wɔn mmapɔmma nyinaa sɛ Seba ne Salmuna,

12 a wɔkae se, “Momma yɛmfa
Onyankopɔn adidibea nsase no no.”


13 Me Nyankopɔn, yɛ wɔn sɛ mfɛtɛ mu mfutuma,
sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu.

14 Sɛnea ogya hyew kwae,
na ogyatannaa so nkoko mu hyew no no,

15 saa ara na fa wʼahum taa wɔn
na fa wo mframa a ano yɛ den no hunahuna wɔn.

16 Ma animguase nka wɔn,
na ama nnipa ahwehwɛ wo din akyi kwan, Awurade.


17 Ma wɔn anim ngu ase na wonni yaw;
ma wonwuwu wɔ animguase mu.

Ma wonhu sɛ wo a wo din de Awurade no,
wo nko ara ne Ɔsorosoroni wɔ asase nyinaa so.

Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no wɔ gittit sanku nne so.

18
Copyright information for TwiAKNA